Psalms 83

Mpae a Israel bɔ pɛ sɛ wodi wɔn atamfo so

1O Onyankopɔn, ntena hɔ komm; nyɛ komm!
Nyɛ komm!
Hwɛ!
Wʼatamfo reyɛ basabasa, na wɔn a wɔtan wo no reyɛ dɔm.
2Hwɛ!
Wʼatamfo reyɛ basabasa, na wɔn a wɔmpɛ wʼasɛm nso ayɛ dɔm.
3Wɔrepam esum ase atia wo nkurɔfo; wɔrepam atia wɔn a wobɔ wɔn ho ban.
4Wɔka se, “Bra na yɛnsɛe wɔn man sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn werɛ befi Israel kora kora.”
5Wɔpenee wɔn apam no so kaa wɔn ho bɔɔ mu tiaa wo.
6Edomfo,
Ismaelfo, Moabfo, Hagarfo,
7Gebalfo ne Amonfo ne Amalekfo ne Filistifo ne Tirofo ne
8Asiriafo akɔka wɔn ho ama Amonfo ne Moabfo a wɔyɛ Lot asefo no dɔm no ayɛ den.
9Yɛ wɔn sɛnea woyɛɛ Midianfo ne Siserafo ne Yabinfo wɔ Kison subon mu hɔ no.
10Wudii wɔn so wɔ Endor maa wɔn amu porɔwee wɔ fam.
11Yɛ wɔn a wodi wɔn anim no sɛnea woyɛɛ Oreb ne Seeb no; di wɔn ahene so sɛnea woyɛɛ Sebah ne Salmuna
12a wɔkae se, “Yɛbɛfa asase a ɛyɛ Onyankopɔn de no” no.
13Bɔ wɔn hwete sɛ mfutuma,
O Onyankopɔn; sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ gu.
14Sɛnea ogya hyew kwae, sɛnea ogyaframa ma nkoko hyew no,
15saa ara na fa ahum taa wɔn na fa wo mframa a ano yɛ den no yi wɔn hu.
16Ma animguase nka wɔn,
O Awurade, na ma wonhu wo tumi.
17Ma wonni wɔn so nkonim na wɔmmɔ hu daa daa; ma wonwu wɔ animguase pɔtɔɔ mu.
18Ma wonhu sɛ, wo nko ara ne Awurade Otumfoɔ wɔ asase so nyinaa.
Copyright information for TwiNAK